Beatra Logo
Beatra
PremiumFunktioner
Support
Beatra Logo
Beatra

Virksomhed

  • Funktioner
  • Om
  • Blogs
  • FAQ
  • Dokumentation

Fællesskaber

  • Beatra Fællesskab
  • Top Servere
  • Topbrugere
  • Top Playlister
  • Topsange
  • Top Kunstnere
  • Top Opsummeringer

Nyttige Links

  • Egen bot
  • Beatra Opsummering
  • Partnere
  • Bot-status
  • Bot Kommandoer
  • Premium
  • Kortstudio
  • Support
  • Inviter Bot

Juridisk

  • Juridisk
  • Privatlivspolitik
  • Servicevilkår
  • Købs- og refusionspolitik
  • Cookies

© 2026 Beatra. Alle rettigheder forbeholdes.

Et produkt fra Codeshare
Kwame Nkrumah

Kwame Nkrumah

ObrafourDeezer

0Afspilninger
0mLyttet
0%Hopprate

Lyt / Forhåndsvisning

Også på
Deezer

Yɛkɔgyina baabi na sɛ yɛfrɛ mo a, ɛnyɛ adebɔne

Ghanaman mu a yɛabu yi, ɛnnɛ, yɛpɛ kwan terenee

Nsɛnkyerenee kyerɛ sɛ, Ghanaman no, ɛmpɛ nsɛmmɔne

Kofi Babɔne, merebɔ kɔkɔ, gyae nnebɔne (Ghanafoɔ ei)

Kyerɛma Asante, bɔ twene kyerɛ Ghanaman sɛ montie

Me nie, Obrafour, mewɔ fahodie

Nkrumah mmɔdenmmɔ mu dwumadie mu nkunimdie (ɛhɛ?)

Hunu sɛ, yɛn ara asaase ni, ɛyɛ aboɔdenden ma yɛn

Mogya no a nananom hwiee gu nya de too hɔ maa yɛn

Dom yɛn, boa yɛn, gye yɛn

Aduru me ne wo nso so sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ bi atoa so

Muamua so, kata so, ɔman yi mu deɛ, ɛmma so (ɛmma so)

Ɛnnɛ, yɛbisa wo deɛ woayɛ ama ɔman Ghana, wobɛka sɛn?

Lawyerfoɔ, dɔkotafoɔ, ma memmisa nursefoɔ

Adwadifoɔ, driverfoɔ, ma memmisa fitafoɔ

Akuafoɔ, tailorfoɔ, ma memmisa barberfoɔ

Soldierfoɔ, tikyafoɔ, ma memmisa sukuufoɔ

Obrafour, Ghana Rap Sofoɔ

Mese, mesrɛ amanfoɔ

Mo nyinaa monyɛ baako, firi sɛ yɛte faako

Prayɛ wɔ yi, sɛ woyi baako a na ɛbu

Wokabɔ mu a, ɛmbu

Korɔbea Asante Kɔtɔkɔ, wokum apem a, apem bɛba is the motto

Yɛmfa nkɔto lotto

Panin mmu mmofra no, yɛse monya ntoboaseɛ ne ahobraseɛ

Obuo ne nnidie na monkoto

Bible kyerɛ sɛ, "Di w'agya ne wo na ni

Wo nkwa nna so aware wɔ asaase yi so

Enti monyɛ brɛbrɛɛ

Ghana yɛ me ne wo dea

Sɛ yɛkabɔ mu a, na ɛbɛyɛ yie, ah-huh

Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!)

Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!)

Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!)

Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)

Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!)

Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!)

Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!)

Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)

Wo wɔ hen? Gyina nkyɛn! Ɔfoforo ntwe mmɛn (ah-huh)

Megyina ha ma Ghana

Mefrɛ Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah

Yɛbɔ wo din, wo deɛ woyɛ ntin

Wode wo nyansa na ɛgyee Ghana too hɔ bɛyɛɛ ɔhen

Ewim yɛɛ dinn, 'borɔfo koma bɔɔ birim

Efirisɛ wɔhunuu sɛ w'akokoɔduro mpo dɔɔso te sɛ nwiin

Dr. Kwame Nkrumah, wo de, wo nyansa te sɛ nsoroma

Afrikaman mu nyinaa, yɛgyee wo too mu sɛ wonim nwoma

Bapɔnmma, w'ani ate, 'Sabarima

W'ani afiri te sɛ aborɔnoma

W'adom ne w'adaworoma, woama Ghana anya faahodie

Wiase amansan nyinaa, mo nso monyɛ aso na montie

Krekete! Bibini, ma wo homene so

Krekete! Adehyeman, ma wo homene so

Krekete! Asanteni, ma wo homene so

Krekete! Fanteni, ma wo homene so (Ghanafoɔ ei!)

Krekete! Ayigbeni, ma wo homene so

Brekete! Kwahuni, ma wo homene so

Hausa, Akuapem, Akyem, Bono, Dagomba, Nkran

Ghanafoɔ nyinaa (Ghanafoɔ ei!)

Afei merebɛgu nsa

Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah, bra bɛgye nsa

Nananom mpaninfoɔ a mode mo kra too hɔ

Gyee Ghanaman maa yɛn nso, yɛreto nsa

Afrɛ mo, ne Ghana abusua biara nsamanfoɔ sɛ mommɛgye nsa

Monnyina yɛakyi akyigyinapa, yɛsrɛ sɛ mommma ɔdɔ nsa

Nipa bɔneni a ɛkaa ne nko ara Ɔman Ghana anim bɛ gu aseɛ deɛ

Momma no mmɔ ne tiri so

Ɔman Ghana nkwa so, ɔmanpanin nkwa so

Ɔbrafoɔ, me nkwa so

Amammerɛ kwan so, yɛnkɔ, ah-huh

Mese Twereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!)

Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!)

Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!)

Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)

Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!)

Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!)

Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!)

Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)

Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!)

Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!)

Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!)

Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)

Otwereduampɔn Kwame, nsa (wiaw!)

Ɔsoro ne Asaase Yaa, nsa (wiaw!)

Nananom nsamanfoɔ, nsa (wiaw!)

Yɛyi Kwame Nkrumah apaeɛ (Ghanafoɔ ei)

The Last Two!

Kilde: LRCLIB

30-dages aktivitet

Ingen lignende sange endnu

Ingen lytterdata

Ingen serverdata

Ingen nylige afspilninger

Første gang set: Aug 11Sidst afspillet: Aug 11, 05:52 AMSporets varighed: 4:39